Afotuo

Kyerɛwnsɛm hyɛ nkuran kɛse sɛ yɛnhwehwɛ na yɛntie afotuo pa, a ɛde nkonimdi, nyansa ne akwankyerɛ ba. Nanso sɛ wopo Onyankopɔn afotuo anaa wudi abɔnefo afotuo akyi a, ɛde nkogudi, ntawntawdi ne ɔsɛe mpo ba.

Wɔhyɛ afotuo pɛ ho nkuran

...anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho, na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a (Mmebusɛm 1:5)
...sɛ mopoo mʼafotu, na moampɛ mʼanimka nti, (Mmebusɛm 1:25)
...sɛ wɔpoo mʼafotu, na wobuu me nteɛso animtiaa nti, (Mmebusɛm 1:30)
Ɔkwasea akwan teɛ nʼani so, na onyansafo tie afotu. (Mmebusɛm 12:15)
Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba, na wohu nyansa wɔ wɔn a wotie afotu mu. (Mmebusɛm 13:10)
Tie afotu na gye nkyerɛkyerɛ to mu, na awiei no, wubehu nyansa. (Mmebusɛm 19:20)
Pɛ afotu yɛ wo nhyehyɛe; sɛ wutu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ. (Mmebusɛm 20:18)
Ngo ne aduhuam ma koma ani gye, adamfo ho anigye fi nʼafotu pa a ɔma. (Mmebusɛm 27:9)
Ɔbabun nyansafo a odi hia ye sen ɔhene akwakoraa a ɔyɛ ɔkwasea na ontie kɔkɔbɔ bio. (Ɔsɛnkafo 4:13)
Saa bere no ara mu na Farisifo bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Fi ha kɔ, efisɛ Herode rehwehwɛ wo akum wo.” (Luka 13:31)

Wɔhyɛ afotufo bebree ho nkuran

Ɔman a enni akwankyerɛ no bɔ, nanso afotufo dodow ma nkonimdi ba. (Mmebusɛm 11:14)
Nhyehyɛe a enni afotu no sɛe, nanso afotufo bebree ma ɛyɛ yiye. (Mmebusɛm 15:22)
Onyansafo wɔ tumi a ɛso, na onimdefo nyin ahoɔden mu; nea ɔretu sa hia akwankyerɛ, nea ɔrehwehwɛ nkonimdi no hia afotufo pii. (Mmebusɛm 24:5-6)

Nnipa pii ma adwuma kɔ anim

Mo mu baanum bɛka ɔha agu, na mo mu ɔha aka mpem du agu! Mo atamfo bɛtotɔ wɔ afoa ano wɔ mo anim. (3 Mose 26:8)
Baanu ye sen ɔbaakofo, efisɛ wonya wɔn brɛ so mfaso a ɛsɔ ani: Sɛ ɔbaako hwe ase a ne yɔnko betumi aboa no. Nanso onipa a ɔhwe ase a onni ɔboafo no, yɛ mmɔbɔ. Bio, sɛ baanu da bɔ mu a wɔka wɔn ho hyew. Na ɛbɛyɛ dɛn na ankonam bɛka ne ho hyew? Ɔbaakofo de, wobetumi aka no ahyɛ nanso baanu tumi pere wɔn ti. Hama a wɔawɔ no mmɛsa no, wontumi ntetew mu ntɛm. (Ɔsɛnkafo 4:9-12)

Nhwɛso a ɛfa afotuo a wɔde ma/wodi akyi ho

Mose ase no huu brɛ a ɔrebrɛ nnipa no ho no, obisaa no se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ wo nko ara wudi dwuma kɛse yi a enti nnipa gyina wo so saa ara fi anɔpa kosi anwummere yi?” Mose buae se, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ mimmisa Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ. Sɛ ntawntaw bi ba wɔn ntam a, wɔba ma misiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛde.” Nʼase no kae se, “Nea woreyɛ no nye. Worekum wo ho na sɛ wuwu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ. Tie fo a merebetu wo yi na Onyankopɔn behyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim. Kyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan a wɔmfa so ntena ase. Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofo na wɔyɛ nokwafo a wɔmpɛ adanmudegye, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so otemmufo. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufo du hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wobeyi atemmufo baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufo baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa du fo. Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wonni nokware daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim no. Sɛ wofa saa kwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛw ama wo, efisɛ woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn. Sɛ wutie afotu no na Onyankopɔn nso pene so a, wubetumi agyina asɛm biara ano na asomdwoe aba.” Mose tiee nʼase afotu no dii so pɛpɛɛpɛ. (2 Mose 18:14-24)
Na odiyifo Natan kɔɔ Batseba a ɔyɛ Salomo na no nkyɛn kobisaa no se, “Wunim sɛ Hagit babarima Adoniya asi ne ho hene a yɛn wura Dawid mpo nnim ho hwee? Sɛ wopɛ sɛ wunya wo ti didi mu, na wugye wo babarima Salomo nso nkwa a, tie mʼafotu yi. (1 Ahemfo 1:11-12)
“Nnipa hwehwɛɛ sɛ wotie me, wɔyɛɛ dinn, twɛn mʼafotu. Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio, efisɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yiye. Wɔtwɛn me sɛnea wɔtwɛn osu a ɛpete, na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ bere nsu. (Hiob 29:21-23)

Nhwɛso a ɛfa afotuo a wɔamfa amma/wɔanni akyi ho

Bere a ɔhene Amasia dii Edomfo so a ɔreba no, ɔde ahoni a ɔtase fii Seirfo nkyɛn kaa ne ho bae. Ɔde wɔn sisii hɔ sɛ ɔno ankasa anyame, kotow wɔn anim, bɔɔ afɔre maa wɔn. Eyi hyɛɛ Awurade abufuw yiye nti, ɔsomaa odiyifo sɛ onkobisa se, “Adɛn nti na wosom anyame a mpo wontumi nnye wɔn ankasa nkurɔfo nkwa mfi wo nsam?” Nanso ɔhene no amma nʼano ansi, na ɔkae se, “Da bɛn na mibisaa wo afotu? Mua wʼano na mankum wo!” Enti ansa na odiyifo no rebɛkɔ no, ɔbɔɔ saa kɔkɔ yi, “Minim sɛ esiane sɛ woayɛ saa nti, Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe wo, efisɛ woantie mʼafotu.” (2 Beresosɛm 25:14-16)

Baabi a afotuo fi

Awurade

“Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn de; afotu ne ntease yɛ ne dea. (Hiob 12:13)
Mɛkamfo Awurade a otu me fo; na anadwo mpo, me koma kyerɛkyerɛ me. (Nnwom 16:7)
Enti hena ne onipa a osuro Awurade? Ɔbɛkyerɛ no ɔkwan a wabɔ ama no. (Nnwom 25:12)
Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so metu wo fo na mahwɛ wo so. (Nnwom 32:8)
Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛe; ɔma adesamma nsusuwii yɛ ɔkwa. Nanso Awurade nhyehyɛe tim hɔ daa, ne koma mu botae wɔ hɔ ma awo ntoatoaso. (Nnwom 33:10-11)
Wode wʼafotu kyerɛ me kwan; na akyiri no, wode me bɛkɔ anuonyam mu. (Nnwom 73:24)
Nhyehyɛe bebree wɔ onipa koma mu, nanso nea Awurade pɛ no na ɛba mu. (Mmebusɛm 19:21)
Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabarima, na amammui no bɛda ne mmati so. Na wɔbɛfrɛ no Ɔfotufo Nwonwani, Otumfo Nyankopɔn, Daa Agya, Asomdwoe Wura. (Yesaia 9:6)
Awurade Honhom bɛtena ne so, nyansa ne ntease Honhom, afotu ne tumi Honhom, nimdeɛ ne Awurade suro Honhom, (Yesaia 11:2)
Eyinom nyinaa fi Asafo Awurade, afotu mu nwonwani, na ne nyansa boro so. (Yesaia 28:29)
Wuyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wutua agyanom amumɔyɛ so ka gu wɔn mma a wodi wɔn akyi srɛ so. Onyankopɔn Tweduampɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo Awurade, wo botae so, na wo nneyɛe yɛ kɛse. Wʼaniwa hu nnipa akwan nyinaa; na wutua obiara ka sɛnea nʼabrabɔ ne ne nneyɛe te. (Yeremia 32:18-19)

Nea efi Awurade afotuo a wɔmpɛ mu ba

Na Saulo wui, efisɛ wanni Awurade nokware. Wanni Awurade ahyɛde so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ obisa Awurade nkyɛn akwankyerɛ. Ɛno nti, Awurade kum no, de nʼahenni hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa. (1 Beresosɛm 10:13-14)
Enti Israelfo no hwehwɛɛ wɔn brodo no ho nanso wɔammisa Awurade. Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoe apam no na Israel mpanyimfo no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu. (Yosua 9:14-15)
Nanso ntɛm so, wɔn werɛ fii nea wayɛ na wɔantwɛn nʼagyinatu. Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ sare so hɔ, asase paradada no so na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe, enti ɔmaa wɔn nea wobisae, nanso ɔde ɔfɔn yare baa wɔn so. (Nnwom 106:13-15)
Ebinom tenaa sum ne awerɛhow mu, nneduafo a wɔde dade nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn, efisɛ wɔatew Onyankopɔn nsɛm ho atua na wɔabu Ɔsorosoroni no agyinatu animtiaa. Enti ogyaa wɔn maa adwumaden; wohintihintiwii, na wɔannya ɔboafo. (Nnwom 107:10-12)

Awurade di nnipa afotuo so

Bere a obi ka kyerɛɛ Dawid se, afei de ne fotufo Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpae se, “Awurade, ma Ahitofel afotu nnan nkwaseasɛm.” Na Dawid ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wo ne me kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me. San kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom se, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufo sɛnea da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufo no.’ Ɛba saa a, wubetumi atia Ahitofel afotu mu, asɛe no. (2 Samuel 15:31, 33-34)
Absalom dan ne ho bisaa Ahitofel se, “Dɛn bio na menyɛ?” Absalom tiee Ahitofel afotu sɛnea Dawid yɛe no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a efi Ahitofel anom bae no mu nyansa no yɛɛ sɛnea efi Onyankopɔn anom. (2 Samuel 16:20, 23)
Husai bae no, Absalom kaa nea Ahitofel aka no kyerɛɛ no. Afei obisaa no se, “Wʼadwene ne dɛn? Yɛmfa Ahitofel afotu no ana? Na sɛ ɛnte saa a, kyerɛ yɛn wʼadwene.” Husai buaa Absalom se, “Afotu a Ahitofel ama wo no nnye saa bere yi. Wunim wʼagya ne ne dɔm; wɔyɛ akofo akɛse, na wɔn ho yɛ hu sɛ sisi a wɔawia ne mma. Ɛno da nkyɛn a, wʼagya nim de wɔ akodi mu; ɔne nʼakofo no rentena anadwo yi. Sesɛɛ mpo, wakɔtɛw ɔbodan bi mu anaa baabi foforo. Na sɛ odi kan tow hyɛ mo so a, nea ɔbɛte biara no bɛka se, ‘Wɔakunkum asraafo a wodi Absalon akyi no.’ Na sɛ ɛba saa a, ɔsraani a ɔyɛ nnam a ne koma te sɛ gyata no koraa, ehu bɛma wabɔ hu. Na Israel nyinaa nim sɛ wʼagya yɛ ɔkofo, na wɔn a wɔka ne ho no nso koko yɛ duru. “Enti mitu wo fo sɛ, boa Israel nyinaa ano, efi Dan kosi Beer-Seba. Woyɛ saa a wubenya asraafo a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea. Na migye di sɛ wʼankasa bedi asraafo no anim. Na sɛ yehu Dawid a, yɛbɛtow ahyɛ no so, sɛnea obosu gu asase so, a ɔno ne mmarima no mu baako mpo nka. Na sɛ Dawid aguan kɔ kuropɔn bi so a, wode Israel asraafo nyinaa bɛkɔ hɔ. Afei, yebetumi afa ntampehama de atwe kurow no afasu, akogu obon a ɛbɛn mu, kosi sɛ ɔbo biara a ɛwɔ mu no bɛyam.” Afei, Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa kae se, “Husai afotu no ye sen Ahitofel de no.” Efisɛ Awurade ahyehyɛ sɛ Ahitofel afotu pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so. Na Husai kɔkaa asɛm a Ahitofel aka ne ɔno ankasa adwenkyerɛ no kyerɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no se, ɔnntena Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ anadwo yi. Ɛsɛ sɛ otwa kɔ sare no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakofo nyinaa bewuwu.” Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kurow no mu na wɔnnsan mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛe bi sɛ abaawa bi de nkra a ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn. Nanso abarimaa bi huu wɔn sɛ wɔrefi En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn nti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na woguan kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kosiee abura bi a ɛwɔ nʼadiwo mu. Ɔbarima no yere de ntama kataa abura no so, de atoko guu so te sɛnea ɔrehata no owia so, na obiara ansusuw sɛ nnipa hyɛ abura no mu. Bere a Absalom mmarima no duu hɔ no, wobisaa ɔbea no se, “Woahu Ahimaas ne Yonatan ana?” Obuaa wɔn se, “Na wɔwɔ ha de, nanso wɔatwa asuwa no kɔ.” Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhu wɔn nti, wɔsan kɔɔ Yerusalem. Afei mmarima baanu no fii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ se, “Fi ha twa asu no ntɛm anadwo yi!” Wɔkaa Ahitofel afotu a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no. Enti Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kotwaa Yordan. Eduu adekyee no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya. Ahitofel huu sɛ nʼanim agu ase, efisɛ wɔamfa nʼafotu no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yiye, na ɔkɔsɛn ne ho. Enti owu ma wosiee no wɔ nʼagya ɔda mu. (2 Samuel 17:6-23)

Kyerɛwnsɛm

Wʼahyɛde yɛ mʼanigyede na ɛyɛ me fotufo. (Nnwom 119:24)

Nnipa a wosuro Nyankopɔn

Ɛna ne agya

Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ na mpo wo na nkyerɛkyerɛ. Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam abotiri ne wo kɔn mu atweaban. (Mmebusɛm 1:8-9)
Me ba, tie wʼagya ahyɛde na nnyaa wo na nkyerɛkyerɛ mu. Fa kyekyere wo koma ho daa; na fa kyekyere wɔ kɔn mu. Wonantew a, ɛbɛkyerɛ wo kwan; sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo; sɛ wunyan a, ɛbɛkasa akyerɛ wo. (Mmebusɛm 6:20-22)
Tie wʼagya a ɔwoo wo no, na sɛ wo na bɔ aberewa a, mmu no animtiaa. (Mmebusɛm 23:22)

Nhwɛso a ɛfa agya nyamesofo afotuo ho

Dawid rebewu no, ɔde adwuma hyɛɛ Salomo nsa sɛ: “Merekɔ faako a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefo biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ, na yɛ nea Awurade, wo Nyankopɔn, hwehwɛ sɛ woyɛ. Nantew nʼakwan so, na di ne mmara ne nʼahyɛde so sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so wɔ biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso. Sɛ woyɛ eyi a na Awurade bedi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no so se, ‘Sɛ wʼasefo hwɛ wɔn asetena, na wofi wɔn koma ne wɔn kra nyinaa mu nantew nokware mu wɔ mʼanim a, wɔn mu baako bɛtena Israel ahengua no so.’ (1 Ahemfo 2:1-4)

Wɔn a wɔde nyansa ama wɔn

Ahemfo fifi aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi. (2 Beresosɛm 9:23)
Nea ɔne onyansafo nantew no hu nyansa, na nea ɔne nkwaseafo bɔ no hu amane. (Mmebusɛm 13:20)
Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahu. (1 Korintofo 12:8)

Nnipa a wɔwɔ osuahu

Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanyimfo bi a na wotu nʼagya Salomo fo ne wɔn kosusuw asɛm no ho. Obisaa wɔn se, “Moka asɛm no ho dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa yi?” Wobuaa no se, “Sɛ nnɛ yi, wopɛ sɛ woyɛ ɔsomfo ma saa nnipa yi, na woma wɔn mmuae pa a, ɛno de, daa wɔbɛsom wo nokware mu.” Nanso Rehoboam amfa afotu a mpanyimfo no maa no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfo mmabun bi a ɔne wɔn sii so a na wotu no fo no nkyɛn. (1 Ahemfo 12:6-8)
Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanyimfo bi a na wotu nʼagya Salomo fo ne wɔn kosusuw asɛm no ho. Obisaa wɔn se, “Moka asɛm no ho dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa yi?” Mpanyimfo yi buae se, “Sɛ woyɛ nnipa no yiye, na woyɛ ayamye kyerɛ wɔn ma ɛsɔ wɔn ani a, wɔn nso bɛyɛ wo nkurɔfo nokwafo.” Nanso Rehoboam amfa afotu a mpanyimfo no maa no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfo mmabun bi a ɔne wɔn sii so a na wotu no fo no nkyɛn. (2 Beresosɛm 10:6-8)

Afotuo a ɛsɛ sɛ wokwati

Abɔnefo

Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Fi yɛn so! Yɛmpɛ sɛ yehu wʼakwan. Hena ne otumfo no a ɛsɛ sɛ yɛsom no? Sɛ yɛbɔ no mpae a mfaso bɛn na yebenya?’ Nanso wɔn nkɔso no nni wɔn nsam, enti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho. (Hiob 21:14-16)
Nhyira ne onipa a ontie amumɔyɛfo afotu na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi na ɔntena fɛwdifo tenabea. (Nnwom 1:1)
Atreneefo nhyehyɛe yɛ pɛ, na amumɔyɛfo afotu yɛ nnaadaa. (Mmebusɛm 12:5)

Afotuo bɔne ho nhwɛso

Na ɔmanfo no pɛɛ sɛ wobu Yudafo no aba mu na wohunahunaa wɔn wɔ adwuma no yɛ ho. Wɔhyɛɛ ananmusifo bi afono mu sɛ wɔnhaw wɔn na wɔnsɛe wɔn botae no. Eyi kɔɔ so wɔ Persiahene Kores ahenni nyinaa mu kosii bere a Persiahene Dario bedii ahengua no. (Ɛsra 4:4-5)
Ninewe, wo mu na nea ɔbɔ pɔw bɔne tia Awurade na otu fo bɔne no fi. (Nahum 1:11)

Ahonisomfo

Israel yɛ ɔman a wonni adwene. Obi nni wɔn mu a ɔwɔ nhumu. (5 Mose 32:28)
Mehwɛ, nanso obiara nni hɔ, obiara nni wɔn mu a obetu wɔn fo, sɛ mibisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuae. Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ atorofo! Wɔn nneyɛe nka hwee; wɔn nsɛsode yɛ mframa ne basabasayɛ nko ara. (Yesaia 41:28-29)

Mpanyimfo

Nanso Rehoboam amfa afotu a mpanyimfo no maa no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfo mmabun bi a ɔne wɔn sii so a na wotu no fo no nkyɛn. Okobisaa wɔn se, “Mo nso, mo afotu ne dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa a wɔpɛ sɛ metew adesoa duruduru a mʼagya de soaa wɔn no so?” Mmerante no buae se, “Asɛm a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn ne se, ‘Me nsateaa ketewa no mu piw sen mʼagya asen mu. Na sɛ modwene sɛ na ɔyɛ den wɔ mo so a, montwɛn na mubehu sɛnea mete.’ Ɔhene no buaa nnipa no abufuw so. Wamfa mpanyimfo no afotu no; ɔfaa mmabun no afotu. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya hwee mo mpire na me de mede nkekantwɛre bɛkeka mo.” (1 Ahemfo 12:8-10, 13-14)
Nanso Rehoboam amfa afotu a mpanyimfo no maa no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfo mmabun bi a ɔne wɔn sii so a na wotu no fo no nkyɛn. Obisaa wɔn se, “Mo nso mo adwene ne dɛn? Mmuae bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ sɛ metew adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?” Mmerante no buae se, “Asɛm a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn ne se, ‘Me nsateaa ketewa no mu piw sen mʼagya asen mu. Na sɛ modwene sɛ na ɔyɛ den wɔ mo so a, montwɛn na mubehu sɛnea mete.’ Na Rehoboam de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn. Wamfa mpanyimfo no afotu, na ɔfaa mmerante no afotu. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me de, mɛkyɛn saa! Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo!” (2 Beresosɛm 10:8-10, 13-14)

Nhyira ne nnome

Nhyira ne mfaso a ɛwɔ afotuo pɛ mu

Nkonimdi

Ɔman a enni akwankyerɛ no bɔ, nanso afotufo dodow ma nkonimdi ba. (Mmebusɛm 11:14)
Nhyehyɛe a enni afotu no sɛe, nanso afotufo bebree ma ɛyɛ yiye. (Mmebusɛm 15:22)
...nea ɔretu sa hia akwankyerɛ, nea ɔrehwehwɛ nkonimdi no hia afotufo pii. (Mmebusɛm 24:6)

Akwankyerɛ ne kwan a wɔkyerɛ

Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so metu wo fo na mahwɛ wo so. (Nnwom 32:8)
Wode wʼafotu kyerɛ me kwan; na akyiri no, wode me bɛkɔ anuonyam mu. (Nnwom 73:24)
Me ba, tie wʼagya ahyɛde na nnyaa wo na nkyerɛkyerɛ mu. Fa kyekyere wo koma ho daa; na fa kyekyere wɔ kɔn mu. Wonantew a, ɛbɛkyerɛ wo kwan; sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo; sɛ wunyan a, ɛbɛkasa akyerɛ wo. (Mmebusɛm 6:20-22)

Nyansa

Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba, na wohu nyansa wɔ wɔn a wotie afotu mu. (Mmebusɛm 13:10)
Tie afotu na gye nkyerɛkyerɛ to mu, na awiei no, wubehu nyansa. (Mmebusɛm 19:20)

Anigye a ɛwɔ afotuo ma mu

Nnaadaa hyɛ wɔn a wodwen bɔne ho no koma mu, na wɔn a wɔpɛ asomdwoe nya ahosɛpɛw. (Mmebusɛm 12:20)

Nnome/nea efi afotuo a wɔmpɛ anaa abɔnefo afotuo pɛ mu ba

Owu

Na Saulo wui, efisɛ wanni Awurade nokware. Wanni Awurade ahyɛde so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ obisa Awurade nkyɛn akwankyerɛ. Ɛno nti, Awurade kum no, de nʼahenni hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa. (1 Beresosɛm 10:13, 14)
Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛe no bi, efisɛ ne na hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so sɛnea Ahab yɛe no. Nʼagya wu akyi no, Ahab abusuafo na wɔbɛyɛɛ nʼafotufo. Wɔn na wɔde no kɔɔ ɔsɛe mu. Esiane wɔn afotu bɔne nti, Ahasia de ne ho kɔbɔɔ ɔhene Yoram a ɔyɛ Israelhene Ahab babarima ho. Wotuu Aramhene Hasael so sa wɔ Ramot-Gilead. Ɔko no mu no, Aramfo no piraa Yoram. (2 Beresosɛm 22:3-5)
Nanso ɔhene no amma nʼano ansi, na ɔkae se, “Da bɛn na mibisaa wo afotu? Mua wʼano na mankum wo!” Enti ansa na odiyifo no rebɛkɔ no, ɔbɔɔ saa kɔkɔ yi, “Minim sɛ esiane sɛ woayɛ saa nti, Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe wo, efisɛ woantie mʼafotu.” (2 Beresosɛm 25:16)
Nanso sɛ muyii mo aso, bere a mefrɛɛ mo na amfa obiara ho, bere a meteɛɛ me nsa mu, sɛ mopoo mʼafotu, na moampɛ mʼanimka nti, me nso mɛserew mo wɔ mo amanehunu mu; sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, midi mo ho fɛw, sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum, na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ mfɛtɛ, na awerɛhow ne ɔhaw mene mo a, “Afei wɔbɛfrɛ me, nanso meremmua; wɔbɛhwehwɛ me, nanso wɔrenhu me. Esiane sɛ wokyii nimdeɛ na wɔampɛ sɛ wobesuro Awurade, sɛ wɔpoo mʼafotu, na wobuu me nteɛso animtiaa nti, wobedi wɔn akwan so aba; na wɔn nhyehyɛe mu aduan bɛmee wɔn. Na ntetekwaafo asoɔden bekum wɔn, na nkwaseafo tirimudɛ bɛsɛe wɔn; (Mmebusɛm 1:24-32)

Ntawntawdi

Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba, na wohu nyansa wɔ wɔn a wotie afotu mu. (Mmebusɛm 13:10)

Nhyehyɛe a ɛsɛe

Nhyehyɛe a enni afotu no sɛe, nanso afotufo bebree ma ɛyɛ yiye. (Mmebusɛm 15:22)

Nkogudi

Ɔman a enni akwankyerɛ no bɔ, nanso afotufo dodow ma nkonimdi ba. (Mmebusɛm 11:14)

Nnome ne nea ɛba afoforo

Enti Israelfo no hwehwɛɛ wɔn brodo no ho nanso wɔammisa Awurade. Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoe apam no na Israel mpanyimfo no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu. (Yosua 9:14-15)
Nanso ntɛm so, wɔn werɛ fii nea wayɛ na wɔantwɛn nʼagyinatu. Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ sare so hɔ, asase paradada no so na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe, enti ɔmaa wɔn nea wobisae, nanso ɔde ɔfɔn yare baa wɔn so. (Nnwom 106:13-15)
Ebinom tenaa sum ne awerɛhow mu, nneduafo a wɔde dade nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn, efisɛ wɔatew Onyankopɔn nsɛm ho atua na wɔabu Ɔsorosoroni no agyinatu animtiaa. Enti ogyaa wɔn maa adwumaden; wohintihintiwii, na wɔannya ɔboafo. (Nnwom 107:10-12)