Ahiafo

Kyerɛwnsɛm kasa tia ahiafo nhyɛso kɛse, si Onyankopɔn ahobammɔ wɔ wɔn so ne n'atemmu ma wɔn a wɔne wɔn di bɔne so dua. Ɛfrɛ nnipa sɛ wɔnyɛ atɛntrenee, nhu mmɔbɔ na wɔmmoa mmerɛwfo, na ɛkyerɛ sɛ sɛnea yɛne ahiafo di no da yɛne Onyankopɔn abusuabɔ adi.

Ahyɛde sɛ nhyɛ ahiafo so

“Monnyɛ ɔhɔho ayayade, efisɛ na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim. “Munnsisi akunafo anaa ayisaa; na sɛ moyɛ saa na wosu frɛ me a, megye wɔn so. Mede mʼabufuw betia mo na mama atamfo dɔm akum mo na mo yerenom nso adan akunafo ama mo mma nso ayɛ ayisaa bi. (2 Mose 22:21-24)
Wɔmaa ahiafo sufrɛ duu nʼanim na ɛma ɔtee mmɔborɔni su. (Hiob 34:28)
Sodifo a ɔhyɛ ahiafo so no te sɛ osu mu ahum a ennyaw nnɔbae bi wɔ akyi. (Mmebusɛm 28:3)

Abɔnefo hyɛ ahiafo so

Ɔkwasea ka nkwaseasɛm na osusuw bɔne ho: ɔyɛ anyame apɛde ɔka Awurade ho nsɛm a enye; ɔmma nea ɔkɔm de no no aduan ɔde nsu kame nea osukɔm de no. Apapahwekwa akwan yɛ amumɔyɛ, ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛe de atoro sɛe ohiani, wɔ bere a ohiani asɛm yɛ nokware mpo. (Yesaia 32:6-7)

Nnipa a wɔhyɛ ahiafo so ho nkyerɛkyerɛmu

Omumɔyɛfo a odi nnipa a wonni mmoa so no te sɛ gyata a ɔbobɔ mu anaa sisi a nʼani abere. (Mmebusɛm 28:15)
...wɔn a wɔn se yɛ afoa na asekan hyehyɛ wɔn abogye mu wɔn na wɔbɛtɔre ahiafo ase afi asase so, na wɔayi ahiafo afi adesamma mu. (Mmebusɛm 30:14)

Atemmu ba wɔn a wɔhyɛ ahiafo so so

Ne mma bɛpata ahiafo; ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya san ma. (Hiob 20:10)
Ɔbɛfe ahonyade a ɔmenee no; Onyankopɔn bɛma ne yafunu apuw agu. (Hiob 20:15)
Ɔbɛdan nea ɔbrɛ nyae no aba a ɔrenni bi; ɔremfa nʼaguadi mu mfaso nnye nʼani. Efisɛ ɔhyɛɛ ahiafo so ma wodii ohia buruburoo; ɔde ne nsa ato afi a ɛnyɛ ɔno na osii so. “Ampa ara ɔrennya ahomegye mfi nea wapere anya no mu; ɔrentumi mfa nʼademude nnye ne ho nkwa. (Hiob 20:18-20)
...sum kabii retwɛn nʼademude. Ogya a ɛnnɛw mu bɛhyew no, na asɛe nea aka wɔ ne ntamadan mu. (Hiob 20:26)
Nsuyiri bɛtwe ne fi akɔ, saa ara na asuworo bɛyɛ Onyankopɔn abufuwhyew da no. (Hiob 20:28)
Amumɔyɛfo twe afoa na wokuntun wɔn ta mu sɛ wobekum ahiafo ne mmɔborɔfo, sɛ wobekum wɔn a wɔn akwan teɛ. Nanso wɔn afoa bɛwowɔ wɔn ankasa koma mu, na wɔn ta mu abubu. (Nnwom 37:14-15)
Ma ɔdefirifo bi mfa nea ɔwɔ nyinaa; na ananafo mfom nʼadwuma so aba. (Nnwom 109:11)
Efisɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔe, na mmom ɔtaa ahiafo mmɔborɔfo ne wɔn a wɔn werɛ ahow de kɔɔ owu mu. (Nnwom 109:16)
Obi besisi ohiani de apɛ ahonya, anaa ɔbɛkyɛ ɔdefo ade, ne nyinaa de no kɔ ohia mu. (Mmebusɛm 22:16)
Mmɔ ahiafo korɔn, sɛ wɔyɛ ahiafo nti, na nsisi wɔn a wonni bi wɔ asennii, efisɛ Awurade bedi wɔn asɛm ama wɔn, na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafo fa. (Mmebusɛm 22:22-23)
Awurade bu atɛn de tia ne nkurɔfo mpanyimfo ne akannifo se, “Mo na moasɛe me bobeturo; apoobɔde a efi ahiafo nkyɛn wɔ mo afi mu. Ase ne dɛn nti na modwerɛw me nkurɔfo na mode ahiafo anim twitwiw fam?” Sɛnea Asafo Awurade se ni. (Yesaia 3:14-15)
Wonnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmfa ne kwan mu, wɔn a wɔhyɛ mmara dennen a ɛde nhyɛso ba, de siw ahiafo ahofadi ho kwan, de atɛntrenee bɔ me nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so no atirimɔden. Wɔma akunafo yɛ amanehunufo na wɔbɔ ayisaa korɔn. (Yesaia 10:1-2)
Sɛɛ na Awurade se, “Sian kɔ Yudahene ahemfi na kɔpae mu ka saa asɛm yi: ‘Tie Awurade asɛm, Yudahene, wo a wote Dawid ahengua so, wo, wʼakannifo ne wo nkurɔfo a wɔfa apon yi mu. Sɛɛ na Awurade se: Monyɛ nea ɛteɛ na ɛnam kwan mu. Munnye nea wɔabɔ no korɔn mfi ne hyɛsofo nsam. Monnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na munnhwie mogya a edi bem ngu wɔ ha. Sɛ moyɛ ahwɛyie na mudi saa ahyɛde yi so a, ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo ne wɔn nkurɔfo bɛfa saa ahemfi apon yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. Enti sɛ moanni saa nhyehyɛe yi so a, Awurade na ose, “Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfi yi bɛdan ofituw.” ’ ” (Yeremia 22:1-5)
Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu, wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatan ayisaa ne akunafo ani. (Hesekiel 22:7)
Asase no so nnipa di amim na wɔbɔ korɔn; wɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so, wonnye ahɔho ani na wɔde atɛntrenee kame wɔn. (Hesekiel 22:29)
Nea Awurade se ni: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Wɔtɔn atreneefo de gye dwetɛ, ne ahiafo de gye mpaboa. Wotiatia ahiafo so te sɛnea wɔyɛ fam mfutuma na wɔma atɛntrenee bɔ mmɔborɔfo. Agya ne ne ba ne ɔbea baako da de gu me din kronkron no ho fi. (Amos 2:6-7)
Muntie asɛm yi, mo Basan “anantwi” a mowɔ Bepɔw Samaria so, mo mmea a mohyɛ ahiafo so, na moka mmɔborɔfo hyɛ na moka kyerɛ mo kununom se, “Mommrɛ yɛn nsa!” Otumfo Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam se, “Ampa ara bere no bɛba a wɔde nkaa bɛtwe mo akɔ; mo mu nea otwa to no, wɔde nsumnam darewa bɛtwe no. (Amos 4:1-2)
Ɔsɛe abandennen ntɛm so na obubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso, motan nea ɔteɛteɛ wɔ asennii na mubu nea ɔka nokware animtiaa. Mutiatia ohiani so na mohyɛ no gye aduan fi ne nkyɛn. Enti ɛwɔ mu sɛ mode abo a wɔatwa asisi afi akɛse de, nanso morentena mu; ɛwɔ mu sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ de nanso morennom mu nsa. Na minim mo mmarato dodow ne mo bɔne akɛse no. Mohyɛ atreneefo so na mugye adanmude mubu ahiafo ntɛnkyew wɔ asennii. (Amos 5:9-12)
Muntie saa asɛm yi, mo a mutiatia mmɔborɔfo so, na mopam ahiafo fi wɔn asase so, na moka se, “Bere bɛn na ɔsram foforo betwa mu ama yɛatɔn aduan, na Homeda bɛba awiei ama yɛadi awi gua?” Sɛ mobɛhyɛ susukoraa mu na moatoto ɔbo so na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfo, na mode dwetɛ atɔ ahiafo na mmɔborɔfo nso moatɔn wɔn agye mpaboa, na moapra awi ase afra awi mu atɔn. (Amos 8:4-6)
“Sɛɛ na Asafo Awurade se, ‘Mummu atɛn a ɛyɛ nokware na munnya ahummɔbɔ ne ayamhyehye mma mo ho mo ho. Monnhyɛ akunafo, ayisaa, ahɔho ne ahiafo so. Monnnwene bɔne mo koma mu mma mo ho mo ho.’ “Nanso wɔantie; wɔde asoɔden dan wɔn akyi na wosisiw wɔn aso. Wɔyɛɛ wɔn koma den sɛ ɔtwɛrebo, na wɔantie mmara anaa nsɛm a Asafo Awurade nam ne Honhom so de somaa kan adiyifo no. Ɛno nti, Asafo Awurade bo fuw yiye. (Sakaria 7:9-12)
“Enti metwiw abɛn mo, abebu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanse atia ntafowayifo, aguamammɔ ne atorofo, wɔn a wosisi adwumayɛfo wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafo ne ayisaa so na wobu ntɛnkyew tia ahɔho na wonsuro me,” sɛnea Asafo Awurade se ni. (Malaki 3:5)

Abisade sɛ Awurade mmu ahiafo nhyɛso atɛn

Sɔre, asase so Temmufo, tua ahantanfo ka sɛnea ɛfata wɔn. (Nnwom 94:2)
Wokunkum akunafo ne ananafo; na wodi ayisaa awu. (Nnwom 94:6)
Wɔka se, “Awurade nhu, Yakob Nyankopɔn ayi nʼani.” (Nnwom 94:7)

Ahiafo nhyɛso ho nhwɛso

Mo adurade mu wɔ ahiafo a wodi bem mogya, nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mu. Eyinom nyinaa akyi (Yeremia 2:34)

Nyamesomfo a wɔhyɛ ahiafo so

Bere bi a nnipakuw bi de anigye retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ho! Wɔhyɛ ntade akɛse sɛ asikafo na sɛ wɔnam bagua mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ohyia wɔn no de obu kyia wɔn. Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a wɔtenatena mpanyin agua so, na sɛ wɔkɔ adidi ase a, wɔtena mpanyin tenabea. Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a emu yɛ duru.” (Marko 12:38-40)
“Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ho. Bere biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntade pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn bagua mu a wɔde obu kyia wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanyin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ aponto ase a, wɔtena mpanyin tenabea. Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a mu yɛ duru.” (Luka 20:46-47)

Ahiafo nhyɛso yɛ asɛm a ɛtaa ba

Sɛ wuhu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntrenee ne ahofadi abɔ no a, mma eyinom nyɛ wo nwonwa, efisɛ nea ɔso sen no hwɛ no so, na nea ɔso sen wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so. (Ɔsɛnkafo 5:8)

Bɔ ahiafo/wɔn a wonni ɔboafo ho ban/boa wɔn

Kasa ma wɔn a wontumi nkasa mma wɔn ho, kasa ma mmɔborɔfo yiyedi. Kasa na bu atɛntrenee; kasa ma ahiafo ne onnibi yiyedi. (Mmebusɛm 31:8-9)
Monyɛ papa! Monhwehwɛ atɛntrenee. Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran Munni mma ayisaa, monka akunafo nsɛm mma wɔn. (Yesaia 1:17)
Dawidfi, sɛɛ na Awurade se: “ ‘Mummu atɛntrenee anɔpa biara; munnye nea wɔabɔ no korɔn no mfi ne nhyɛsofo nsam, anyɛ saa a, mʼabufuwhyew bɛsɔre na ahyew sɛ ogya esiane bɔne a moayɛ nti, ɛbɛhyew a obiara rennum no. (Yeremia 21:12)

Nyamesofo boa ahiafo

Ahiafo atɛntreneebu ho hia atreneefo, nanso amumɔyɛfo nni saa ɔtema no. (Mmebusɛm 29:7)
Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu ana? Me kra werɛ anhow amma ahiafo ana? (Hiob 30:25)

Awurade hyira wɔn a wɔboa ahiafo

Dawid dwom. Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no; Awurade gye no wɔ amanehunu bere mu. Awurade bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra; obehyira no wɔ asase no so; ɔrennyaa no mma nʼatamfo apɛde. Awurade bɛhwɛ no wɔ ne yare mpa so na wagye no asi hɔ. (Nnwom 41:1-3)
Nea ɔyɛ adɔe ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade, na obetua no nea ɔyɛ no so ka. (Mmebusɛm 19:17)

Ɔhyiraa ɔkannifo a ɔboaa ahiafo

Sɛ ɔhene di ahiafo asɛm yiye a, nʼahengua betim hɔ daa. (Mmebusɛm 29:14)
Sɛ mosakra mo akwan ne mo nneyɛe nokware mu, na mo ne mo ho mo ho di no trenee mu, sɛ moanhyɛ ɔhɔho, ayisaa anaa okunafo so, na moanhwie mogya a edi bem angu wɔ ha, na moanni anyame foforo akyi ankɔ mo ara ɔsɛe mu a, ɛno de, mɛma mo atena ha, asase a mede maa mo agyanom afebɔɔ no so. Nanso monhwɛ, mode mo ho ato nnaadaa nsɛm a so nni mfaso so. “ ‘Mobɛbɔ korɔn na moadi awu, mobɛbɔ aguaman na moadi adansekurum, mobɛhyew nnuhuam ama Baal na moadi anyame afoforo a munnim wɔn akyi, (Yeremia 7:5-9)

Ma ahiafo aduan na Awurade bɛtua wo ka

Afei Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no se, “Sɛ woto pon a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafo ne asikafo a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a na wonyɛɛ hwee ɛ. Na sɛ woto pon a hyia ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo. Esiane sɛ wɔrentumi nyɛ saa bi mma wo no nti, da a atreneefo bɛsɔre afi awufo mu no, Onyankopɔn behyira wo.” Wɔn a wɔte adidii no mu baako tee nea Yesu kae no; ɔkae se, “Nhyira nka nea obedidi wɔ Onyankopɔn ahenni no mu.” Yesu buaa no se, “Da bi, ɔbarima bi too pon kɛse hyiaa nnipa bebree. Bere soe no, ɔnam tumi so somaa ne somfo bi se ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no se wɔmmra. “Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho ano. Nea odi kan no yii ne ho ano se, ‘Matɔ asase a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’ “Na ɔfoforo nso yii ne ho ano se, ‘Matɔ anantwi du a mede wɔn bɛyɛ mʼafuw a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’ “Ɔfoforo bi nso yii ne ho ano se, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’ “Ɔsomfo no san bɛbɔɔ ne wura no amanneɛ no, ɔde abufuw somaa no bio se, ‘Ka wo ho kɔ mmɔnten so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye sɛ wɔmmra.’ “Ɔsomfo no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no bae, nanso na afa da so wɔ hɔ ara. “Ɛno nti owura no san somaa no se, ‘Kɔ akwan so ne mfikyiri na frɛ obiara a wubehu no no se, mato pon, enti wɔmmra. (Luka 14:12-23)

Bu ohiani atɛn trenee

“Mommfa atɛntrenee nkame ahiafo wɔ asennibea. (2 Mose 23:6)
Ɛnsɛ sɛ mubu ahɔho a wɔte mo mu ne nyisaa ntɛnkyew, anaasɛ mugye ɔbea kunafo ntama de di akagyinamu. (5 Mose 24:17)

Hu ahiafo mmɔbɔ

Wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Wobɛwe sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo fɔkyee. Mfe ason betwa wo ti so akosi sɛ, wubehu sɛ, Ɔsorosoroni no na odi wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ. Hyɛ a wɔhyɛ ma wogyaw dunsin no ne ne ntin no wɔ asase mu no kyerɛ sɛ, sɛ wuhu sɛ ɔsoro na edi tumi no a, wo nsa bɛsan aka wʼahenni. Ne saa nti, Nana Nebukadnessar, mesrɛ wo, tie mʼafotu. Gyae bɔneyɛ, na yɛ nea ɛteɛ. Gyae wʼatirimɔdensɛm na yɛ ahummɔbɔ ma ahiafo, na twe wo ho fi wo tete amumɔyɛ no ho. Ebia, woyɛ saa a, wobɛkɔ so adi yiye.” (Daniel 4:25-27)

Wɔbɛbu wɔn a wɔmmɔ ahiafo ho ban atɛn

Sɛnea nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no saa ara na asisi ahyɛ wɔn afi amaama; wɔayeyɛ adefo anyinya tumi, na wɔadodɔ srade ama wɔn ho ayɛ hanahana. Wɔn amumɔyɛsɛm no nni awiei; wɔnnka ayisaa asɛm mma wonni bem, na wɔmmɔ ahiafo tumi ho ban. Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyinom ho ana?” Sɛɛ na Awurade se. “Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sɛɛ so were ana? (Yeremia 5:27-29)

Sodom bɔne: ahiafo a wɔamboa wɔn

“ ‘Eyi ne bɔne a wo nuabea Sodom yɛe: Ɔno ne ne mmabea yɛɛ ahantan, wodidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafo ne mmɔborɔfo. (Hesekiel 16:49)

Nhwɛso a ɛfa ɔkannifo a wanbɔ ahiafo ho ban ho

Wo sodifo yɛ atuatewfo, akorɔmfo yɔnkonom; wɔn nyinaa pɛ adanmude, na wɔpere akyɛde ho. Wonni mma ayisaa; na akunafo nsɛm nkɔ wɔn anim. (Yesaia 1:23)

Sɛnea yɛne ahiafo di kyerɛ Awurade ho biribi

Nea ɔhyɛ ahiafo so no bu wɔn Yɛfo animtiaa, nanso nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn anuonyam. (Mmebusɛm 14:31)
Nea odi ahiafo ho fɛw no bu wɔn Yɛfo animtiaa; na nea ɔfoa amanehunu so no benya asotwe. (Mmebusɛm 17:5)

Onyankopɔn kyɛfa wɔ ahiafo ho

Awurade ma/bɔ ahiafo ne ahiafo ho ban

Ɔko ma nyisaa ne akunafo, na ɔdɔ ahɔho a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduan ne ntama. (5 Mose 10:18)
Ogye ahiafo fi afoa a ɛhyɛ wɔn anom; ogye wɔn fi ahoɔdenfo nkyehama mu. (Hiob 5:15)
Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ befi ohiani, anaasɛ mmɔborɔni anidaso bɛyera korakora. (Nnwom 9:18)
Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw; na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. Mmɔborɔni de ne ho ma wo; wo na woyɛ ayisaa boafo. (Nnwom 10:14)
“Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni ne ohiani apinisi no nti, mɛsɔre afei,” Awurade na ose. “Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.” (Nnwom 12:5)
Ohiani yi frɛe, na Awurade tiee no; na ogyee no fii nʼahohia nyinaa mu. (Nnwom 34:6)
Me nipadua nyinaa bɛteɛ mu aka se, “Hena na ɔte sɛ wo, Awurade? Wugye ohiani fi ahoɔdenfo nsam, ne nea onni bi fi apoobɔfo nsam.” (Nnwom 35:10)
Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni; ma Awurade nnwen me ho. Wo ne me boafo ne me gyefo; wo ne me Nyankopɔn, bra ntɛm. Wɔde ma dwonkyerɛfo. (Nnwom 40:17)
Ɔma ohiani tena mmusua mu, na ɔde nnwonto yi nneduafo ma wɔde wɔn ho; na atuatewfo de, wɔtena asase a awo so. (Nnwom 68:6)
Wo nkurɔfo bɔɔ atenase wɔ so, Onyankopɔn, wonam wʼadɔe bebree no so hwɛɛ ahiafo. (Nnwom 68:10)
Awurade tie wɔn a ade ahia wɔn, na ommu ne nkurɔfo nneduafo animtiaa. (Nnwom 69:33)
Obetie mmɔborɔfo mpaebɔ; na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so. (Nnwom 102:17)
Ebinom kyinkyinii wɔ nsase pradada so, a wɔanhu ɔkwan ankɔ kuropɔn no mu, faako a wobetumi anya atenae. (Nnwom 107:4)
Efisɛ ogyina ohiani nsa nifa so sɛ obegye no nkwa afi wɔn a wobu no kumfɔ nsam. (Nnwom 109:31)
Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu na ɔma onnibi so fi nso siw so; (Nnwom 113:7)
...mede nneɛma pa bebree behyira no na mama nʼahiafo adidi amee. (Nnwom 132:15)
Minim sɛ Awurade bu ahiafo atɛntrenee na odi onnibi asɛm ma no. (Nnwom 140:12)
Odi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. Awurade gyaa nneduafo, (Nnwom 146:7)
Awurade hwɛ ahɔho so, na ɔwowaw ayisaa ne akunafo, na amumɔyɛfo akwan de, ɔdan ani. (Nnwom 146:9)
Awurade wowaw ahobrɛasefo na ɔtotow amumɔyɛfo hwehwe fam. (Nnwom 147:6)
Awurade sɛe ɔhantanni fi, na ɔma akunafo ahye yɛ pɛpɛɛpɛ. (Mmebusɛm 15:25)
...na mmom ɔde trenee bebu mmɔborɔfo atɛn, ɔde atɛntrenee besi gyinae ama asase so ahiafo. Ɔde nʼano abaa na ɛbɛbɔ asase; ɔde nʼanofafa home bekunkum amumɔyɛfo. (Yesaia 11:4)
Ahiafo mu hiani benya didibea, na mmɔborɔni bɛda asomdwoe mu. Nanso wʼasefo de, mede ɔkɔm bɛtɔre wɔn ase; ebekunkum wo nkae no. (Yesaia 14:30)
Woayɛ ahiafo guankɔbea, ohiani mmɔborɔni guankɔbea, ahum ano ahintawee ɔhyew mu nwini na atirimɔdenfo home te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasu (Yesaia 25:4)
“Ohiani ne mmɔborɔni kyin pɛ nsu, nanso bi nni hɔ; osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so ayow. Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuae. Me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn. (Yesaia 41:17)
Monto dwom mma Awurade! Munyi Awurade ayɛ! Ogye ohiani nkwa fi amumɔyɛfo nsam. (Yeremia 20:13)

Mpaebɔ sɛ Awurade mmoa ahiafo

Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufo na wagye wɔn a wonni bi mma nkwa; ɔbɛdwerɛw nhyɛsofo. Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri de sonkahiri bɛbrɛ no; Saba ne Seba ahemfo de ayɛyɛde bɛbrɛ no. Na obegye mmɔborɔfo a wosu frɛ no, ne amanehunufo a wonni ɔboafo. Obehu wɔn a wɔayɛ mmrɛw ne ahiafo mmɔbɔ na wagye ahiafo nkwa. Obegye wɔn afi nhyɛso ne akakabensɛm ase, efisɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim. Ɔhene nkwa so! ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfi Seba mmrɛ no. Ma nnipa mmɔ mpae mma no na wonhyira no da mu nyinaa. (Nnwom 72:4, 10, 12-15)
Mma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no mmfa animguase nsan; ma ahiafo ne mmɔborɔfo nkamfo wo din. (Nnwom 74:21)
Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban. Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo; munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam. (Nnwom 82:3-4)
Nanso wo Asafo Awurade, wo din nti wo ne me nni no yiye; fi wʼadɔe mu gye me. Efisɛ meyɛ ohiani ne nea onni bi, na me koma atɔ beraw wɔ me mu. (Nnwom 109:21-22)

Nnipa adwene wɔ Onyankopɔn kyɛfa ne ahiafo ho

Nnipa yiyi abo a wɔde ato ɔhye; na wɔde nguankuw a wɔawia kɔ hɔ adidi. Wɔpam ayisaa mfurum na wogye akunafo anantwi sɛ awowaside. Wosum ahiafo fi kwan so na wɔhyɛ asase no so ahiafo ma wɔkɔtetɛw. Sɛnea sare so mfurum yɛ no saa ara na ahiafo no yɛ wɔn adwuma de pɛ aduan; asase kesee no so na wonya aduan ma wɔn mma. Wɔboaboa mmoa aduan ano wɔ mfuw no so na wodi mpɛpɛ wɔ amumɔyɛfo bobe nturo mu. Wonni ntama, na wɔda adagyaw anadwo; wonni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔw mu. Mmepɔw so osu tɔ fɔw wɔn kyam na wɔtetare abotan no ho, efisɛ wonni nnae. Wɔtew ayisaa fi nufu ano; na wɔfa ohiani abotafowa de si ne ka anan mu. Wɔnenam adagyaw a wonni ntama; wɔsoa awi afiafi, nanso ɔkɔm de wɔn ara. Wokyi ngo wɔn adan mu; wotiatia nsakyiamoa mu, nanso osukɔm de wɔn. Wɔn a wɔrewuwu no apinisi fi kuropɔn no mu, na apirafo kra su pɛ mmoa. Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so. Sɛ adekyee hann no kɔ a, owudifo no sɔre na okum ohiani ne mmɔborɔni; anadwo, mu owiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfo. (Hiob 24:2-12, 14)

Onyankopɔn adwene wɔ ahiafo ho

Minim amane a wuhu maa Awurade na minim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapade wɔ ɔsoro. Minim nsɛm a wɔn a wose wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ Yudafo no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam hyiadan. (Adiyisɛm 2:9)
Woka se, ‘meyɛ ɔdefo na manya me ho na mewɔ nea ehia me nyinaa.’ Nanso, wunnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagyaw, na wʼani afura. Enti mitu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ ankasa, fi me nkyɛn, sɛnea ɛbɛma woayɛ ɔdefo. Afei, tɔ ntade fitaa hyɛ na fa kata wʼanimguase adagyaw no so. Afei tɔ aduru gu wʼani so, sɛnea wubehu ade. (Adiyisɛm 3:17-18)

Awurade yii mmerɛwfo sɛnea ɔde ahoɔdenfo bɛgu anim ase

Afei anuanom, monkae bere a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam de, na mo mu bebree nyɛ anyansafo, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehye nso. Nanso Onyankopɔn faa wiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafo anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛw wɔ wiase, nam so de guu ahoɔden anim ase. (1 Korintofo 1:26-27)

Awurade bɔɔ nnipa nyinaa

Ɔdefo ne ohiani wɔ ade baako, Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfo. (Mmebusɛm 22:2)
Ohiani ne ɔsohyɛfo nyinaa wɔ saa ade baako yi: Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hu ade. (Mmebusɛm 29:13)

Nnipa adwene wɔ ahiafo ho

Na dɛn na onyansafo wɔ de sen ɔkwasea? Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yiye wɔ afoforo anim a mfaso bɛn na obenya? (Ɔsɛnkafo 6:8)

Ɔhaw ne mfaso ma ahiafo

Ahiafo ɔhaw

Ahiafo wɔ nnamfo kakraa bi

Ahiafo de, wɔn yɔnkonom mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ, nanso adefo wɔ nnamfonom bebree. (Mmebusɛm 14:20)
Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree; nanso ohiani adamfo gyaw no hɔ. (Mmebusɛm 19:4)
Ohiani abusuafo nyinaa po no, na saa ara na ne nnamfonom po no! Mpo ɔhwehwɛ wɔn, pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw, nanso onhu wɔn baabiara. (Mmebusɛm 19:7)

Ahiafo hu amane wɔ atɛntrenee a wonni mu

Ohiani afum nnɔbae tumi ba pii, nanso ntɛnkyew pra kɔ. (Mmebusɛm 13:23)

Ahiafo de ahobrɛase kasa kyerɛ adefo

Ohiani srɛ ahummɔbɔ, nanso ɔdefo de kasaden bua no. (Mmebusɛm 18:23)

Ahiafo som adefo

Adefo di ahiafo so, na boseagyefo yɛ nea ɔde fɛm somfo. (Mmebusɛm 22:7)

Wobu ahiafo animtiaa

Bere bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a mu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi tow hyɛɛ kuropɔn yi so, otwaa ho hyiae na osisii mpie akɛse tiaa no. Na ohiani bi a onim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no. Enti mekae se, “Nimdeɛ ye sen ahoɔden.” Nanso wobuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio. (Ɔsɛnkafo 9:14-16)

Ohia

Adefo ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban, nanso ahiafo hia yɛ wɔn asehwe. (Mmebusɛm 10:15)

Mpaebɔ sɛ wɔnnyɛ ohiani

“Awurade, nneɛma abien na mehwehwɛ afi wo nkyɛn; mfa nkame me ansa na mawu: ma me ne atoro ne nnaadaasɛm ntam nware koraa; mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefo; nanso ma me me daa aduan nkutoo. Anyɛ saa a, ebia minya me ho pii a ɛbɛma mapa wo na maka se, ‘Hena ne Awurade?’ Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔn, na ama magu me Nyankopɔn din ho fi. (Mmebusɛm 30:7-9)

Mfaso ma ahiafo

Wɔfrɛ ahiafo sɛ nhyirafo

Afei ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Nhyira ne mo a moyɛ ahiafo, na mo na Onyankopɔn ahenni no yɛ mo dea! (Luka 6:20)
“Na mo adefo de, munnue efisɛ nea ɛma mo ani gye no, mo nsa aka dedaw; eyi nti munni kyɛfa biara bio. (Luka 6:24)

Ahiafo yɛ adefo wɔ gyidi mu

Me nuanom adɔfo, muntie! Onyankopɔn yii wiase yi mu ahiafo sɛ wɔnyɛ adefo wɔ gyidi mu na wɔanya ahenni a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no. (Yakobo 2:5)

Wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo

Otumfo Awurade Honhom wɔ me so, efisɛ, wɔafrɛ me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Wasoma me se, menkɔkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, se mempae mu nka ahofadi nkyerɛ nnommum na wonyi nneduafo mfi sum mu, (Yesaia 61:1)
Osuboni Yohane a saa bere no na ɔda afiase no tee anwonwade a Kristo reyɛ no, ɔsomaa nʼasuafo bebisaa no se, “Wo ne nea ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforo anim?” Yesu buaa wɔn se, “Monsan nkɔ nkɔka anwonwade a moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane se, anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, na awufo nso nyan. Afei monka nkyerɛ no se, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafo. (Mateo 11:2-5)
“Awurade Honhom wɔ me so, na wɔafrɛ me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu se, wobenya ahofadi, na anifuraefo ahu ade ama wɔn a wobu wɔn animtiaa nso anya anuonyam. (Luka 4:18)
Yesu buaa wɔn se. “Monkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane se, mema anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, mesa akwatafo yare, asotifo te asɛm, awufo nyan, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafo. (Luka 7:22)

Wɔremmɔ ahiafo korɔn esiane ahonyade nti

Obi ahonya betumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara. (Mmebusɛm 13:8)

Ahiafo a wonim Awurade benya awerɛkyekye wɔ ɔsoro

Yesu toaa so kae se, “Ɔdefo bi tenaa ase a na daa ofura ntama pa na ogye nʼani yiye nso. Na ɔbarima hiani bi a akuru atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼabobow ano. Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka obenya aduan a ɔdefo no adi ama aka no bi adi. Saa bere koro no ara mu na akraman ba faako a na ohiani no da hɔ no bɛtaforo nʼakuru no mu. “Ohiani no wu maa abɔfo bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefo no nso wu ma wosiee no. Ɔdefo no wɔ asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa nʼani so huu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. Ɔdefo no teɛɛ mu se, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo hu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsu mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so na me ho yeraw me.’ “Abraham buaa no se, ‘Me ba, kae sɛ wote wiase no wudii dɛ na Lasaro dii yaw, nanso afei na ɔredi dɛ na wo nso woredi yaw. (Luka 16:19-25)

Ahiafo betumi ahoahoa wɔn ho sɛ Onyankopɔn mma

Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye, na adefo a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Efisɛ, adefo no twam kɔ sɛ wuram afifide bi. (Yakobo 1:9-10)

Israel a wɔbɛsan de no asi hɔ bere no, ahiafo benya mfaso

Ahobrɛasefo bedi ahurusi wɔ Awurade mu bio; ahiafo ho bɛsɛpɛw wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu. (Yesaia 29:19)

Ohiani nanso onyansafo te ɔdefo ase

Ɔdefo tumi yɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so, nanso ohiani a ɔwɔ nhumu no hu sɛnea ɔte. (Mmebusɛm 28:11)

Nneɛma a ohia ye sen

Ohiani a ne nantew ho nni asɛm no ye sen ɔkwasea a nʼasɛm mfa kwan mu. (Mmebusɛm 19:1)
Nea onipa pɛ ne nokware dɔ; eye sɛ wobɛyɛ ohiani sen sɛ wobɛyɛ ɔtorofo. (Mmebusɛm 19:22)
Ohiani a ne nantew ho nni asɛm ye sen ɔdefo a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye. (Mmebusɛm 28:6)

Ahiafo ho nhwɛso

Wotii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso Dawid kae se, “Ohiani ba a me fi nni bi, mususuw sɛ ɛyɛ ade a ɛda fam sɛ obi bɛyɛ ɔhene nʼase ana?” (1 Samuel 18:23)
Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo; Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. Wo ne me boafo ne me gyefo; Awurade, ntwentwɛn wʼanan ase. (Nnwom 70:5)
Dawid mpaebɔ. Awurade, tie me na gye me so, efisɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni. (Nnwom 86:1)
Ne nkurɔfo nyinaa si apini bere a wɔrehwehwɛ aduan; wɔde wɔn ademude sesa aduan de nya ahoɔden. “Awurade, hwɛ na dwene me ho, efisɛ wobu me animtiaa.” (Kwadwom 1:11)
Bere duu sɛ Yosef ne Maria kodwira wɔn ho sɛnea Mose mmara kyerɛ no, wɔde abofra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa. Sɛnea Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbea wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a wɔde no ma Awurade.” Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ nso kɔbɔɔ afɔre, sɛnea mmara no kyerɛ no wɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien na ɛbɔ afɔre no. (Luka 2:22-24)
Ebesi saa bere yi mu ɔkɔm ne osukɔm de yɛn. Yefura ntamagow; wɔhwe yɛn; yedi atutena; yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yehyira; wɔhwe yɛn a yegyina ano. (1 Korintofo 4:11-12)
Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amane nyinaa ano. Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, dɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ akyen kɔm. Wɔmaa yɛn werɛ howee, nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafo, nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Ɛyɛ sɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara. (2 Korintofo 6:4-5, 10)
Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii menna. Ɔkɔm ne osukɔm dee me. Mpɛn pii minnya aduan a ɛbɛso me nni. Minnya baabi nna anaa atade nhyɛ. (2 Korintofo 11:27)
Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me efisɛ me suahu nti, tebea biara a mekɔ mu no nhaw me. Minim ohia, nim ahonya; masua saa ahintasɛm yi, enti baabiara ne bere biara, sɛ ɔkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakraa bi no, mepɛ no saa ara. Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano. Eye sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu. (Filipifo 4:11-14)

Ahiafo/adefo wɔ asafo mu

Nea edi kan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asi wɔ mo nhyiamu mu na migye di sɛ nokware kakra wɔ mu. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nokware bɛda adi. Sɛ muhyia sɛ kuw a, munnhyia sɛ moreyɛ Awurade Adidi efisɛ mugu so redidi no, obiara di nʼaduan. Ɛno nti bere a ɔkɔm de obi no na ɔfoforo nso abow nsa. Mo ara munni afi a mudidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mugu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a ade ahia wɔn no anim ase ana? Dɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo ana? Ɛsɛ sɛ muhu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo! (1 Korintofo 11:18-22)

Ahiafo a wɔde ma wɔn

Asase a wɔde san ma

Mfe aduonum so no bɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ ama mo; munnnua biribiara na munntwa nnɔbae biara, na bobe a moadua nso, monntew so aba. Efisɛ ɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ sononko na ɛho tew. Munni nea munya fi asase no mu nko ara. “ ‘Saa mfirihyia aduonum afahyɛ yi, obiara bɛkɔ asase a wɔde maa nʼagyanom no so. (3 Mose 25:11-13)

Mmara a ɛfa ahiafo a wɔbɛyɛɛ nkoa ho

“ ‘Sɛ ohia hia wo yɔnko Israelni na ɔtɔn ne ho ma wo a, nhyɛ ne so sɛ ɔdɔnkɔ; na mmom, yɛ no sɛ obi a wutua no ne som a ɔsom ho ka, anaa fa no sɛ wo hɔho na ɔnsom wo nkosi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no. Edu saa bere no a, ɔne ne mma nyinaa tumi tu de wɔn agyapade nyinaa kɔ wɔn abusuafo nkyɛn. Efisɛ Israelfo no yɛ mʼasomfo a mede wɔn fi Misraim asase so bae; ɛnsɛ sɛ wɔtɔn wɔn sɛ nkoa. Mommfa atirimɔden nni wɔn so; munsuro mo Nyankopɔn. “ ‘Nanso mubetumi atɔ asomfo afi aman afoforo a atwa mo ho ahyia no so. Saa ara nso na mutumi tɔ ahɔho a mo ne wɔn te no mma a ɛmfa ho sɛ wɔte mo mu. Mubetumi ayɛ wɔn nkoa afebɔɔ ama mo ne mo nkyirimma, nanso mo nuanom Israelfo no de, ɛnsɛ sɛ moyɛ wɔn saa. “ ‘Sɛ ɔhɔho a ɔte mo mu no bɛyɛ ɔdefo, na sɛ Israelni di hia, na ɔtɔn ne ho ma ɔhɔho no anaa ɔhɔho no abusuafo a, ɔwɔ kwan sɛ wogye no wɔ ne tɔn akyi; ne nuanom bi tumi begye no. Saa ara nso na ne wɔfa, ne wɔfaase anaa ne ho nipa bi a ɔbɛn no tumi gye no ara ne no. Sɛ ɔno ara nso benya sika a, otumi de begye ne ho. Ne ho a obegye no gyina mfe a aka na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no adu ne sika dodow a sɛ anka wɔde kɔfaa ɔsomfo a, anka obegye saa mfe a aka no mu no so. Sɛ aka mfe pii ansa na Ahosɛpɛw Afe no aso a, obetua sika a ogyee wɔ bere a ɔtɔn ne ho no nyinaa. Sɛ mfe no pii atwam ama aka kakra na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no adu a, ɛno de, obetua sika a ogyee bere a ɔtɔn ne ho no mu kakraa bi. Sɛ ɔtɔn ne ho ma ɔhɔho a, ɔhɔho no bɛfa no sɛ ne somfo a otua no ka. Ɛnsɛ sɛ ɔfa no sɛ ne somfo koraa anaa nʼagyapade. “ ‘Sɛ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du na wonnyee no a, wobegyaa ɔne ne mma nyinaa, (3 Mose 25:39-54)

Mmara a wɔanni so de atemmu bae

“Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Me ne mo agyanom yɛɛ apam bere a miyii wɔn fii Misraim, nkoasom asase so no. Mekae se, ‘Mfe ason biara no, ɛsɛ sɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. Sɛ wasom mfe asia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.’ Nanso mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm. Ɛnkyɛe koraa, nanso munuu mo ho na moyɛɛ nea eye wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadi maa ne manmma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ ofi a me Din da so no mu. Nanso mprempren, moadan mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asan akɔfa nkoa ne mfenaa a mugyaa wɔn sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio. “Afei nea Awurade se ni: Muntiee me na mompaee ahofadi mmaa mo ankasa nkurɔfo. Enti afei mepae ‘ahofadi’ ma mo, Awurade na ose. ‘Ahofadi’ a ebegyaa mo ama afoa, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma moayɛ akyiwade ama asase so ahenni ahorow nyinaa. (Yeremia 34:13-17)

Nsɛm ahorow

Nneɛma a ɛma onipa yɛ ohiani

Nea ɔpo nteɛso no kɔ ohia ne animguase mu, na wɔhyɛ nea otie nteɛso no anuonyam. (Mmebusɛm 13:18)
Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia; nna, na wubenya aduan ama abu so. (Mmebusɛm 20:13)
Nea odi ahosɛpɛw akyi no bɛyɛ ohiani; nea ɔpɛ nsa ne ngo no rennya ne ho da. (Mmebusɛm 21:17)
Mfa wo ho mmɔ akɔwensafo anaasɛ wɔn a wɔpɛ nam mmoroso ho, efisɛ, akɔwensafo ne adidibradafo bɛyɛ ahiafo, na anikum fura wɔn ntamagow. (Mmebusɛm 23:20-21)

Anka ohiani biara nni asase no so sɛ nnipa no tiee koraa a

Mmom, ɛnsɛ sɛ ahiafo ba mo mu efisɛ, Awurade, mo Nyankopɔn no behyira mo wɔ asase a ɔde rema mo sɛ mo agyapade no so, sɛ motɔ mo bo ase di Awurade, mo Nyankopɔn no, mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so a. (5 Mose 15:4-5)

Ahiafo nko ara na wɔkaa asase a wɔdii so nkonim no so

Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafo mpem du fii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafo akofo, adwumfo ne atomfo a wodi mu ka ho. Ɛno nti, ahiafo nko ara na ogyaw wɔn wɔ asase no so. (2 Ahemfo 24:14)
Na awɛmfo so panyin no maa mmɔborɔfo no mu bi tenaa Yuda, sɛ wɔnhwɛ bobe mfuw ne mfuw foforo a ɛka ho no so. (2 Ahemfo 25:12)
Nanso ɔsahene Nebusaradan a otua awɛmfo no ano no gyaa ahiafo a wonni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa bere no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase. (Yeremia 39:10)
Bere a asraafo mpanyimfo no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wɔ wuram no tee sɛ, Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado wɔ asase no so, na ɔde mmarima, mmea ne mmofra a wɔyɛ ahiafo wɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommum mu wɔ Babilonia ahyɛ ne nsa no, (Yeremia 40:7)
Ɔsahene Nebusaradan a na otua awɛmfo no ano no faa wɔn a wodi hia no mu bi, wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu, adwumfo a wɔaka ne wɔn a wɔkɔdɔm Babiloniahene no kɔɔ nnommum mu. (Yeremia 52:15)